YT

Okyeame Kwame - WOMAN (ft. Sista Afia) (Lyrics Video)

Okyeame Kwame August 22, 2022
Okyeame Kwame - WOMAN (ft. Sista Afia) (Lyrics Video) Lyrics video by : @yaw_nyansa - 00233 545 964 734 Song written by : Okyeame Kwame Produced by: @abochimusic #Woman ———————————————————- LYRICS OKYEAME KWAME FT. SISTA AFIA Woman ➖➖➖➖➖➖➖➖➖ Rap doctor aba ooo Sista Afia Rap doctor aba oo SISTA AFIA Girls abrɛ dabiaa ne mu dede, Mobɛma yɛn pressure mowie moayɛ sete, Let's just say it's enough is enough, Girls girls say that it's time to be tough, Kookaa kookaa ee no pain no gain, Yɛnyɛ nkoa biom na yɛɛgye yɛn freedom yabrɛ oo CHORUS To be a woman matter oo To be a woman matter oo To be a woman matter oooo! To be a woman matter oo RAP ( Okyeame Kwame ) Woto so a wo akɔyɛ Woto sua nso yɛnkanfo wo Wo dress yie wo asɛe (slay queen) W'an dress yie woyɛ kolo Woye woti a woyɛ Plastic W'annye woti a woyɛ kankpe W'ankɔ sukuu a wonyɛ classic Wokɔ sukuu a w'ani nsɔ ade Woyɛ ɔbaa a wasi so Se woannware a woyɛ ɔbaa hunu Wowo ba wafu so, sɛ wiannwo nso a woyɛ ɔbaa fon Wo kunu cheati a ɛyɛ a yɛ fo Woyɛ bi a woyɛ ashawo Nani nka fie a Ya ɛyɛ wo Wohwɛ no yie anka ɔtenae Monfa boys nkɔ sukuu Girls no kɔ a ɔnyɛ kotoo Monfa cash ma Kwadwo oo Adwoa nya ɔbɛ soro oo Awoɔ yi aa na ɔbɛwo oo Kitchen yi aa na ɔbɛkɔ oo Ɔbaa tuo twere bɛɛma bo, nti monkyerɛkyerɛ no kwan ɔbɛfa so adwodwo SISTA AFIA CHORUS To be a woman matter oo (nsɛmkeka yi aa) To be a woman matter oo (wo ware dabɛn aa) To be a woman matter oooo (body no taa mu aa) To be a woman matter oo (chingilingi nso aa) To be a woman matter oo (body shaming yi aa) To be a woman matter oo (y'all got to stop it) To be a woman matter oo (youuu got to stop it! ) To be a woman matter oo RAP ( Okyeame Kwame) W'aso yɛ hye a, ɔbaa Wohia nyansa a, ɔbaa Wobedidi a, ɔbaa Nanso still woha ɔbaa Dabiaa wodaadaa ɔbaa Wode wo sika taataa ɔbaa Woba wiase a, ɔbaa Wobu no kwasea, ɔbaa Ebia na Nyankopɔn yɛ ɔbaa, daabi mese ɔyɛ ɔbaa Enti sɛ ɔtɔ ne car mongyae ma no ntwi no daa Kae sɛ wafrɛ no ɛna enti wowo ɔbaa a, ɛnfrɛ no aboa Wiase bɛyɛ dɛ a, ɔbaa Sɛ obi se ɛnyɛ ampa a, ɔboa ankasa SISTA AFIA Girls abrɛ dabiaa ne mu dede, Mobɛma yɛn pressure mowie moayɛ sete, Come let's say enough is enough, Girls girls say it is time to be tough, Kookaa kookaa ee neɛ ɔbrɛ na odie, Yɛnyɛ nkoa biom independence ba maa obiaa CHORUS To be a woman matter oo (nsɛmkeka yi aa) To be a woman matter oo (wo ware dabɛn aa) To be a woman matter oooo (body no taa mu aa) To be a woman matter oo (chingilingi nso aa) To be a woman matter oo (body shaming nso aa) To be a woman matter oo (y'all got to stop it) To be a woman matter oo (youuu got to stop it) To be a woman matter oo Uuuuu.....huuu..huuu..huuu..... Get Songs Here Apple Music --   / okyeame-kwame   Spotify --- https://open.spotify.com/artist/54kbE... Audiomack --- https://audiomack.com/okyeame-kwame Unauthorized upload of this video on any platform is highly prohibited and will be taken down with immediate effect. All Rights Reserved Okyeame Kwame Yve Digital Solutions Limited (https://yvedigital.com)